1 Kings 8:58 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔmma yɛnya ɔpɛ a yɛde bɛyɛ nʼapɛdeɛ wɔ biribiara mu, na yɛnni mmara ne ahyɛdeɛ a ɔhyɛ de maa yɛn agyanom no nyinaa so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔnkom yɛn akoma mmra ne so, na yɛanante n’akwan nyinaa mu, na yɛadi ne mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ ne n’atemmudeɛ a ɔhyɛɛ yɛn agyanom no so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔnkom yɛn akoma mmra ne so, na yɛanante n’akwan nyinaa mu, na yɛadi ne mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ ne n’atemmudeɛ a ɔhyɛɛ yɛn agyanom no so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔnkom yɛn koma mmra ne ho, na yɛanantew n’akwan nyinaa mu, na yɛadi ne mmara nsɛm ne n’ahyɛde ne n’atemmude a ɔhyɛɛ yɛn agyanom no so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔmma yenya ɔpɛ a yɛde bɛyɛ nʼapɛde wɔ biribiara mu, na yenni mmara ne ahyɛde a ɔhyɛ de maa yɛn agyanom no nyinaa so.