1 Kings 8:7 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Kerubim no trɛɛ wɔn ntaban mu wɔ Adaka no so, ma ɛyɛɛ sɛ kyiniiɛ wɔ Adaka no ne ne nnua a ɛsosɔ mu no so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na kerubim no atrɛtrɛ wɔn ntaban mu, adaka no afa no so, na kerubim no kataa adaka no ne ɛho nnua no so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na kerubim no atrɛtrɛ wɔn ntaban mu, adaka no afa no so, na kerubim no kataa adaka no ne ɛho nnua no so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na kerubim no atrɛtrɛw wɔn ntaban mu, adaka no afa no so, na kerubim no kataa adaka no ne ɛho mpoma no so ɔsoro.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Kerubim no trɛw wɔn ntaban mu wɔ Adaka no so, ma ɛyɛɛ sɛ kyinii wɔ Adaka no ne ne nnua a esuso mu no so.