1 Kings 9:22 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nanso, Salomo anhyɛ Israelfoɔ amma wɔanyɛ ɔhyɛ nnwuma. Mmom, ɔmaa wɔyɛɛ asraafoɔ, aban adwumayɛfoɔ. Ɔmaa ebinom yɛɛ nʼakodɔm, ne nteaseɛnam ne ne nteaseɛnamkafoɔ so asahene.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Israelfoɔ no mu deɛ, Salomo amfa obi anyɛ akoa, ɛfiri sɛ wɔn na wɔyɛ akofoɔ ne ne gyaasefoɔ ne ne mmapɔmma ne ne mmarima akunini ne ne nteaseɛnam so ahwɛfoɔ ne n’apɔnkɔsotefoɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Israelfoɔ no mu deɛ, Salomo amfa obi anyɛ akoa, ɛfiri sɛ wɔn na wɔyɛ akofoɔ ne ne gyaasefoɔ ne ne mmapɔmma ne ne mmarima akunini ne ne nteaseɛnam so ahwɛfoɔ ne n’apɔnkɔsotefoɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Israelfo no mu de, Solomon amfa obi anyɛ akoa, efisɛ wɔn na wɔyɛ akofofo ne ne gyaasefo ne ne mmapɔmma ne ne mmarima akunini ne ne nteaseɛnam so ahwɛfo ne n’apɔnkɔsotefo.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nanso Salomo anhyɛ Israelfo amma wɔanyɛ ɔhyɛ nnwuma. Mmom, ɔma wɔyɛɛ asraafo, aban adwumayɛfo. Ɔmaa ebinom yɛɛ nʼakofo, ne nteaseɛnam ne ne nteaseɛnamkafo so asahene.