1 Samuel 1:13 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔhunuu sɛ ɔrebesebese nʼano, nanso ɔnte nne biara no, Eli susuu sɛ wanom nsã.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na Hana rekasa n’akoma mu, na n’ano nko na ɔbesebese, na ne nne deɛ, wɔnte. Enti Eli buu no sɛ ɔsabofoɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na Hana rekasa n’akoma mu, na n’ano nko na ɔbesebese, na ne nne deɛ, wɔnte. Enti Eli buu no sɛ ɔsabofoɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na Hana kasae ne koma mu; na n’ano nko na ɔbesebese, na ne nne de, wɔnte. Enti Eli buu no sɛ ɔsabofo.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ohuu sɛ ɔrebesebese nʼano, nanso ɔnte nne biara no, Eli susuw sɛ wanom nsa.