1 Samuel 10:14 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔduruu hɔ no, Saulo wɔfa bisaa no sɛ, “Ɛhefa na wokɔeɛ a dadaada yɛnhunuu wo yi?” Saulo buaa sɛ, “Yɛkɔhwehwɛɛ mfunumu a wɔayera no, nanso yɛanhunu wɔn. Ɛno enti, yɛkɔɔ odiyifoɔ Samuel nkyɛn kɔbisaa no baabi a wɔwɔ.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Saulo agya nua bisaa no ne somfoɔ no sɛ: Ɛhe na mokɔeɛ? Na ɔse: Yɛkɔhwehwɛɛ mfunumu no na yɛhunuu sɛ wɔnni hɔ no, yɛkɔɔ Samuel nkyɛn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Saulo agya nua bisaa no ne somfoɔ no sɛ: Ɛhe na mokɔeɛ? Na ɔse: Yɛkɔhwehwɛɛ mfunumu no na yɛhunuu sɛ wɔnni hɔ no, yɛkɔɔ Samuel nkyɛn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Saul n’agya ne nua ka kyerɛɛ no ne abofra no sɛ: Ɛhe na mokɔe? Na ose: Yɛkɔhwehwɛɛ mfurum no, na yehui sɛ wonni hɔ no, yɛkɔɔ Samuel nkyɛn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Oduu hɔ no, Saulo wɔfa bisaa no se, “Ɛhefa na wokɔe a dedaada yenhuu wo yi?” Saulo buae se, “Yɛkɔhwehwɛɛ mfurum a wɔayera no, nanso yɛanhu wɔn. Ɛno nti, yɛkɔɔ odiyifo Samuel nkyɛn kobisaa no faako a wɔwɔ.”