1 Samuel 10:27 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nanso, amumuyɛfoɔ bi kaa sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na saa onipa yi atumi agye yɛn?” Wɔsopaa no a wɔammrɛ no akyɛdeɛ biara. Nanso Saulo ammua wɔn.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na nnipa hunu bi kaa sɛ: Oyi bɛyɛ dɛn na wagye yɛn? Na wɔbuu no animtia, na wɔamfa ayɛyɛdeɛ ammrɛ no. Na ɔyɛɛ sɛ deɛ ɔnteɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na nnipa hunu bi kaa sɛ: Oyi bɛyɛ dɛn na wagye yɛn? Na wɔbuu no animtia, na wɔamfa ayɛyɛdeɛ ammrɛ no. Na ɔyɛɛ sɛ deɛ ɔnteɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na nnipahunu bi kae sɛ: Oyi bɛyɛ dɛn na wagye yɛn? Na wobuu no animtiaa, na wɔamfa ayɛyɛde ammrɛ no. Nanso ɔyɛɛ sɛ nea ɔnte.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nanso amumɔyɛfo bi kae se, “Ɛbɛyɛ dɛn na saa onipa yi atumi agye yɛn?” Wobuu no animtiaa a wɔammrɛ no akyɛde biara. Nanso Saulo ammua wɔn.