1 Samuel 11:1 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛbɛyɛ bosome akyi, Amonhene Nahas dii nʼakodɔm anim bɛtoaa Israel kuropɔn Yabes Gilead. Na Yabesman mma bisaa asomdwoeɛ. Wɔsrɛɛ sɛ, “Momma yɛne mo nyɛ apam, na yɛbɛyɛ mo asomfoɔ.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Amonni Nahas foro ba bɛkyeree Yabes-gilead so nsraban. Na Yabes mmarima nyinaa ka kyerɛɛ Nahas sɛ: Ɛne yɛn mpam na yɛnsom wo.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Amonni Nahas foro ba bɛkyeree Yabes-gilead so nsraban. Na Yabes mmarima nyinaa ka kyerɛɛ Nahas sɛ: Ɛne yɛn mpam na yɛnsom wo.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Amonni Nahas foro ba bɛbɔɔ Yabes-gilead so nsra. Na Yabes mmarima nyinaa ka kyerɛɛ Nahas sɛ: Wo ne yɛn mpam na yɛnsom wo.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛbɛyɛ ɔsram akyi, Amonhene Nahas dii nʼakofo anim bɛtoaa Israel kuropɔn Yabes Gilead. Na Yabesman mma srɛɛ sɛ, “Momma yɛne mo nyɛ apam, na yɛbɛyɛ mo asomfo.”