1 Samuel 11:12 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, nnipa no teaam frɛɛ Samuel sɛ, “Nnipa a wɔka sɛ ɛnsɛ sɛ Saulo di yɛn so ɔhene no wɔ he? Momfa wɔn mmra na yɛnkum wɔn.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna ɔman no ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Hwan na ɔkaa sɛ: Saulo na ɔrebɛdi yɛn so hene yi, no? Fa nnipa no bra ma yɛnku wɔn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna ɔman no ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Hwan na ɔkaa sɛ: Saulo na ɔrebɛdi yɛn so hene yi, no? Fa nnipa no bra ma yɛnku wɔn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna ɔman no ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Hena na ɔkae sɛ: Saul na ɔrebedi yɛn so hene yi, no? Fa nnipa no bra ma yenkum wɔn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei, nnipa no teɛɛ mu frɛɛ Samuel se, “Nnipa a wɔka se ɛnsɛ sɛ Saulo di yɛn so hene no wɔ he? Momfa wɔn mmra na yenkum wɔn.”