1 Samuel 12:20 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Samuel buaa sɛ, “Monnsuro. Moayɛ saa bɔne yi nyinaa bi deɛ, nanso monnnane mo ani mfiri Awurade so, na momfa mo akoma nyinaa nsom Awurade.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Samuel ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monnsuro; moayɛ bɔne yi nyinaa deɛ, nanso AWURADE akyi na monnsane mmfire, na momfa mo akoma nyinaa nsom AWURADE.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Samuel ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monnsuro; moayɛ bɔne yi nyinaa deɛ, nanso AWURADE akyi na monnsane mmfire, na momfa mo akoma nyinaa nsom AWURADE.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Samuel ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Munnsuro; moayɛ bɔne yi nyinaa de, nanso AWURADE akyi na monnsan mmfi, na momfa mo koma nyinaa nsom AWURADE.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Samuel buae se, “Munnsuro. Moayɛ saa bɔne yi nyinaa bi de, nanso monnnan mo ani mmfi Awurade so, na momfa mo koma nyinaa nsom Awurade.