1 Samuel 12:7 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Seesei, monnyina ha dinn wɔ Awurade anim ɛberɛ a megu so rekaakae mo nneɛma akɛseɛ a Awurade ayɛ ama mo ne mo agyanom no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na afei mommɛgyina ha, na memmɔ mo soboɔ AWURADE anim, AWURADE teneneedeɛ a wayɛ ama mo ne mo agyanom nyinaa ho:
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na afei mommɛgyina ha, na memmɔ mo soboɔ AWURADE anim, AWURADE teneneedeɛ a wayɛ ama mo ne mo agyanom nyinaa ho:
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na afei mummegyina ha, na minyi mo ntɛn AWURADE anim, AWURADE trenee a wayɛ ama mo ne mo agyanom no nyinaa ho:
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mprempren, munnyina ha dinn wɔ Awurade anim bere a migu so rekaakae mo nneɛma akɛse a Awurade ayɛ ama mo ne mo agyanom no.