1 Samuel 13:19 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Saa ɛberɛ no, na ɔtomfoɔ biara nni Israel asase no so baabiara. Filistifoɔ no amma atomfoɔ no kwan, ɛfiri sɛ, wosusuu sɛ atomfoɔ no bɛbɔ akofena ne mpea ama Hebrifoɔ no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Nanso na ɔtomfoɔ biara nni Israel asase no so baabiara, ɛfiri sɛ Filistifoɔ kaa sɛ: Anyɛ saa a, Hebrifoɔ bɛbɔ nkrantɛ ne mpea.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Nanso na ɔtomfoɔ biara nni Israel asase no so baabiara, ɛfiri sɛ Filistifoɔ kaa sɛ: Anyɛ saa a, Hebrifoɔ bɛbɔ nkrantɛ ne mpea.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Nanso na ɔtomfo biara nni Israel asase no so baabiara, efisɛ Filistifo kae sɛ: Anyɛ saa a, Hebrifo bɛbɔ nkrante ne mpeaw.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Saa bere no, na ɔtomfo biara nni Israel asase no so baabiara. Filistifo no amma atomfo no kwan, efisɛ wose, “Anyɛ saa a atomfo no bɛbɔ afoa ne mpeaw ama Hebrifo no.”