1 Samuel 13:22 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛno enti na Israelfoɔ no mu biara nni akofena anaa pea, gye sɛ Saulo ne Yonatan.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na koda no, wɔanhunu nkrantɛ anaa pea ɛdɔm a wɔne Saulo ne Yonatan wɔ hɔ no mu biara nsam gye Saulo ne ne ba Yonatan nsam na wɔhunuu bie.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na koda no, wɔanhunu nkrantɛ anaa pea ɛdɔm a wɔne Saulo ne Yonatan wɔ hɔ no mu biara nsam gye Saulo ne ne ba Yonatan nsam na wɔhunuu bie.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na koda no, wɔanhu nkrante anaa peaw dɔm a wɔne Saul ne Yonatan wɔ hɔ no mu biara nsam gye Saul ne ne ba Yonatan nsam na wohuu bi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛno nti na Israelfo no mu biara nni afoa anaa peaw, gye sɛ Saulo ne Yonatan.