1 Samuel 13:4 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Israelfoɔ nyinaa tee sɛ Saulo atɔre Filistifoɔ asraafoɔ a wɔwɔ Geba no ase, na ne saa enti, Israelfoɔ ho ayɛ Filistifoɔ no ahi. Enti, Israel akodɔm no nyinaa boaa wɔn ho ano bio hyiaa Saulo wɔ Gilgal.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Israel nyinaa tee sɛ Saulo aka Filistifoɔ bansifoɔ no agu ne sɛ Israel ama wɔn ho ayɛ Filistifoɔ ahi. Na wɔhyiahyiaa ɔman no boaa ano, Saulo nkyɛn wɔ Gilgal.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Israel nyinaa tee sɛ Saulo aka Filistifoɔ bansifoɔ no agu, ɛne sɛdeɛ Israel ama wɔn ho ayɛ Filistifoɔ ahi. Na wɔhyiahyiaa ɔman no boaa ano, Saulo nkyɛn wɔ Gilgal.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Israel nyinaa tee sɛ Saul aka Filistifo bansifo no agu, ne sɛ Israel ama wɔn ho ayɛ Filistifo ahi. Na wohyiahyiaa ɔman no boaa ano, Saul nkyɛn wɔ Gilgal.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Israelfo nyinaa tee sɛ Saulo atɔre Filistifo asraafo a wɔwɔ Geba no ase, na ne saa nti, Israelfo ho ayɛ Filistifo no ahi. Enti Israel asraafo no nyinaa boaa wɔn ho ano bio hyiaa Saulo wɔ Gilgal.