1 Samuel 13:7 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ebinom twaa Asubɔnten Yordan dwane kɔɔ Gad ne Gilead asase so. Saa ɛberɛ no, na Saulo wɔ Gilgal a ne mmarima a wɔka ne ho no wɔ ahopopoɔ ne suro mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Hebrifoɔ no bi twaa Yordan kɔɔ Gad ne Gilead asase so. Na Saulo da so wɔ Gilgal, na ɔman no nyinaa de ahopopoɔ dii n’akyi.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Hebrifoɔ no bi twaa Yordan kɔɔ Gad ne Gilead asase so. Na Saulo da so wɔ Gilgal, na ɔman no nyinaa de ahopopoɔ dii n’akyi.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Hebrifo no bi twaa Yordan kɔɔ Gad ne Gilead asase so. Na Saul da so wɔ Gilgal, na ɔman no nyinaa de ahopopo dii n’akyi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ebinom twaa Asubɔnten Yordan guan kɔɔ Gad ne Gilead asase so. Saa bere no, na Saulo wɔ Gilgal a ne mmarima a wɔka ne ho no wɔ ahopopo ne osuro mu.