1 Samuel 14:13 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Enti, wɔde wɔn nsa mmienu ne wɔn nan foroeɛ, na Yonatan ne nʼakodeɛsoafoɔ no kunkumm Filistifoɔ no benkum ne nifa, ma wɔtete kɔguiɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Yonatan de ne nsa ne ne nan foroe, na n’akodeɛkurani no dii n’akyi, na wɔtotɔɔ Yonatan anim, na n’akodeɛkurani no kunkumm dii n’akyi.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Yonatan de ne nsa ne ne nan foroe, na n’akodeɛkurani no dii n’akyi, na wɔtotɔɔ Yonatan anim, na n’akodeɛkurani no kunkumm dii n’akyi.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Yonatan de ne nsa ne ne nan foroe, na n’akodekurafo no dii n’akyi, na wɔtotɔe Yonatan anim, na n’akodekurafo no kunkum dii n’akyi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti wɔde wɔn nsa abien ne wɔn anan foroe, na Yonatan ne nʼakodekurafo no kunkum Filistifo no benkum ne nifa.