1 Samuel 14:3 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
(Onipa a na ɔka Saulo mmarima no ho no ne Ahiya a ɔyɛ Awurade ɔsɔfoɔ a na ɔhyɛ serekye asɔfotadeɛ no. Na Ahiya yɛ Ahitub babarima a ɔyɛ Ikabod nua. Na saa Ahitub no nso yɛ Pinehas babarima a na ɔyɛ Eli nana nso. Na Eli yɛ Awurade ɔsɔfoɔ a na ɔsom wɔ Silo.) Na obiara nnim sɛ Yonatan afiri Israel sraban mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Ahiya a ɔyɛ AWURADE sɔfoɔ Eli a ɔtenaa Silo no ba Pinehas ba Ikabod nua Ahitub ba hyɛ asɔfotadeɛ no. Na ɔman no nnim sɛ Yonatan kɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Ahiya a ɔyɛ AWURADE sɔfoɔ Eli a ɔtenaa Silo no ba Pinehas ba Ikabod nua Ahitub ba hyɛ asɔfotadeɛ no. Na ɔman no nnim sɛ Yonatan kɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Ahiya a ɔyɛ AWURADE sɔfo Eli a ɔtenaa Silo no ba Pinehas ba Ikabod ne nua Ahitub ba hyɛ asɔfotade no. Na ɔman no nnim sɛ Yonatan kɔ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
(Onipa a na ɔka Saulo mmarima no ho no ne Ahiya a ɔyɛ Awurade sɔfo a na ɔhyɛ sirikyi asɔfotade no. Na Ahiya yɛ Ahitub babarima a ɔyɛ Ikabod nua. Na saa Ahitub no nso yɛ Pinehas babarima a na ɔyɛ Eli nena nso. Na Eli yɛ Awurade sɔfo a na ɔsom wɔ Silo.) Na obiara nnim sɛ Yonatan afi Israel nsraban mu hɔ.