1 Samuel 14:33 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, obi ka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Hwɛ! Mmarima no reyɛ bɔne atia Awurade, ɛfiri sɛ, wɔrewe ɛnam a mogya fra mu.” Na Saulo kaa sɛ, “Ɛyɛ bɔne pa ara. Mompire ɛboɔ kɛseɛ bi mmɛto ha.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔka kyerɛɛ Saulo sɛ: Hwɛ, ɛdɔm no reyɛ AWURADE bɔne sɛ wɔdi no mogya mu. Na ɔkaa sɛ: Moafom, mommuni ɔbo kɛseɛ mmrɛ me nnɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔka kyerɛɛ Saulo sɛ: Hwɛ, ɛdɔm no reyɛ AWURADE bɔne sɛ wɔdi no mogya mu. Na ɔkaa sɛ: Moafom, mommuni ɔbo kɛseɛ mmrɛ me nnɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wɔka kyerɛɛ Saul sɛ: Hwɛ, dɔm no reyɛ AWURADE bɔne sɛ wodi no mogya mu. Na ɔkae sɛ: Moafom, mumpirew ɔbo kɛse mmrɛ me nnɛ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei, obi ka kyerɛɛ Saulo se, “Hwɛ! Mmarima no reyɛ bɔne atia Awurade, efisɛ wɔrewe nam a mogya fra mu.” Na Saulo kae se, “Ɛyɛ bɔne pa ara. Mumpirew ɔbo kɛse bi mmɛto ha.