1 Samuel 14:36 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na Saulo kaa sɛ, “Momma yɛnkɔ Filistifoɔ no so anadwo yi, na yɛnkɔsɛe wɔn ara nkɔsi ahemadakye a yɛrennya wɔn mu baako koraa.” Na wɔbuaa sɛ, “Biribiara a wogye di sɛ ɛyɛ no, yɛbɛyɛ.” Nanso, ɔsɔfoɔ no kaa sɛ, “Momma yɛnni ɛkan mmisa Awurade ansa.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Saulo kaa sɛ: Momma yɛnsiane nkɔti Filistifoɔ no anadwo yi, na yɛmfom wɔn mfa nkɔduru anɔpa, na yɛannya wɔn mu nipa baako mpo. Na wɔkaa sɛ: Deɛ ɛyɛ wɔ w’ani soɔ nyinaa yɛ! Na ɔsɔfoɔ no kaa sɛ: Momma yɛntwe mpini Onyankopɔn wɔ ha.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Saulo kaa sɛ: Momma yɛnsiane nkɔti Filistifoɔ no anadwo yi, na yɛmfom wɔn mfa nkɔduru anɔpa, na yɛannya wɔn mu nipa baako mpo. Na wɔkaa sɛ: Deɛ ɛyɛ wɔ w’ani soɔ nyinaa yɛ! Na ɔsɔfoɔ no kaa sɛ: Momma yɛntwe mpini Onyankopɔn wɔ ha.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Saul kae sɛ: Momma yensian nkotiw Filistifo no anadwo yi, na yɛmfom wɔn nkodu adekyee, na yɛannyaw wɔn mu nipa biako. Na wɔkae sɛ: Nea eye w’ani so nyinaa, yɛ! Na ɔsɔfo no kae sɛ: Momma yentwiw mmɛn Onyankopɔn wɔ ha.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na Saulo kae se, “Momma yɛnkɔ Filistifo no so anadwo yi, na yɛnkɔsɛe wɔn ara nkosi ahemadakye a yɛrennyaw wɔn mu baako koraa.” Na wobuae se, “Biribiara a wugye di sɛ eye no, yɛbɛyɛ.” Nanso ɔsɔfo no kae se, “Momma yenni kan mmisa Awurade ansa.”