1 Samuel 14:4 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ansa na Yonatan bɛduru Filistifoɔ sraban mu no, na ɛsɛ sɛ ɔsiane fa abotan mmepɔ mmienu bi a wɔfrɛ no Boses ne Sene no ntam.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na afaeɛ a Yonatan pɛ sɛ ɔfa mu kɔ Filistifoɔ bansifoɔ no soɔ no, ɔbotan a ano yɛ nnam wɔ ɔfa ha na ɔbotan a ano yɛ nnam nso wɔ ɔfa ha; baako din de Boses na baako din de Sene;
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na tempɔn kwan a Yonatan pɛ sɛ ɔfa so kɔ Filistifoɔ bansifoɔ no soɔ no, ɔbotan a ano yɛ nnam wɔ ɔfa ha na ɔbotan a ano yɛ nnam nso wɔ ɔfa ha; baako din de Boses na baako din de Sene;
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na beae a Yonatan pɛ sɛ ɔfa kɔ Filistifo bansifo no so no, ɔbotan a ano yɛ nnam wɔ ɔfa ha na ɔbotan a ano yɛ nnam nso wɔ ɔfa ha; biako din de Boses na biako din de Sene.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ansa na Yonatan beduu Filistifo nsraban mu no, na ɛsɛ sɛ osian fa abotan mmepɔw abien bi a wɔfrɛ no Boses ne Sene no ntam.