1 Samuel 14:45 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛhɔ ara na nnipa no sɔre teaam ka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Enti, ɛfata sɛ Yonatan a ɔgyee Israel ɛnnɛ no owuo anaa? Onyame mpa ngu. Ɛberɛ dodoɔ no a Awurade te aseɛ yi, ne tirinwi baako koraa ho nka, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn afa ne so ayɛ anwanwadeɛ ɛnnɛ.” Enti, nnipa no gyee Yonatan, na wɔankum no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɛdɔm no ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Yonatan a wayɛ Israel mu ɔgyeɛ adwuma kɛseɛ yi nwu anaa? Ɛmpare no! Sɛ AWURADE te aseɛ yi, ne tirinwi baako mpo rentɔ fam, ɛfiri sɛ ɔne Onyankopɔn na ayɛ adeɛ nnɛ da yi. Na ɔman no gyee Yonatan na wanwu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɛdɔm no ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Yonatan a wayɛ Israel mu ɔgyeɛ adwuma kɛseɛ yi nwu anaa? Ɛmpare no! Sɛ AWURADE te aseɛ yi, ne tirinwi baako mpo rentɔ fam, ɛfiri sɛ ɔne Onyankopɔn na ayɛ adeɛ nnɛ da yi. Na ɔman no gyee Yonatan na wanwu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɛdɔm no ka kyerɛɛ Saul sɛ: So Yonatan a wayɛ Israel mu ogye adwuma kɛse yi nwu anaa? Ɛmpare no! Sɛ AWURADE te ase yi, ne ti nwi biako po rentɔ fam, efisɛ ɔne Nyankopɔn na ayɛ ade nnɛ da yi. Na ɔman no gyee Yonatan na wanwu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛhɔ ara na nnipa no sɔre teɛɛ mu ka kyerɛɛ Saulo se, “Enti ɛfata sɛ Yonatan a ogyee Israel nnɛ no wu ana? Onyame mpa ngu. Bere dodow no a Awurade te ase yi, ne tinwi baako koraa ho nka, efisɛ Onyankopɔn afa ne so ayɛ anwonwade nnɛ.” Enti nnipa no gyee Yonatan, na wɔankum no.