1 Samuel 16:10 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yisai maa ne mmammarima baason bɛfaa Samuel anim, na Samuel ka kyerɛɛ no sɛ, “ Awurade nyii wɔn mu biara.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Yisai maa ne mma baason bɛtwaa mu Samuel anim. Na Samuel ka kyerɛɛ Yisai sɛ: AWURADE nyii yeinom.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Yisai maa ne mma baason bɛtwaa mu Samuel anim. Na Samuel ka kyerɛɛ Yisai sɛ: AWURADE nyii yeinom.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Yese maa ne mma baasɔn betwaa mu Samuel anim. Na Samuel ka kyerɛɛ Yese sɛ: AWURADE mpaw eyinom ɛ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yisai maa ne mmabarima baason bɛfaa Samuel anim, na Samuel ka kyerɛɛ no se, “ Awurade nyii wɔn mu biara ɛ.”