1 Samuel 16:20 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yisai penee so de Dawid kɔmaa Saulo a abirekyie ba ne afunumu a wɔahyehyɛ aduane ne nsã wɔ ne so ka ho.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Yisai faa afunumu de paanoo ne nsa kotokuo ma, ne ɔpapo soaa no, na ɔde somaa ne ba Dawid kɔmaa Saulo.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Yisai faa afunumu de paanoo ne nsa kotokuo ma, ne ɔpapo soaa no, na ɔde somaa ne ba Dawid kɔmaa Saulo.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Yese faa afurum de abodoo ne nsa tumpan kɛse biako, ne ɔpapo soaa no, na ɔde somaa ne ba Dawid kɔmaa Saul.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yisai penee so de Dawid kɔmaa Saulo a abirekyi ba ne afurum a wɔahyehyɛ aduan ne nsa wɔ ne so ka ho.