1 Samuel 17:13 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na Yisai mmammarima mpanimfoɔ baasa na wɔdii Saulo akyi kɔɔ ɔko no. Na abakan no din de Eliab, nʼakyiri ba din de Abinadab, ɛna deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no din de Sama.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Yisai mma mpanin baasa dii Saulo akyi kɔɔ ɔsa no; na ne mma baasa a wɔkɔɔ ɔsa no din nie: Abakan Eliab ne n’akyiriba Abinadab ne deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa Sama.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Yisai mma mpanin baasa dii Saulo akyi kɔɔ ɔsa no; na ne mma baasa a wɔkɔɔ ɔsa no din nie: Abakan Eliab ne n’akyiriba Abinadab ne deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa Sama.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Yese mma mpanyin baasa dii Saul akyi kɔɔ ɔsa no: Wɔn din ni; abakan Eliab ne n’akyiba Abinadab ne nea ɔto so abiɛsa Sama.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na Yisai mmabarima mpanyimfo baasa na wodii Saulo akyi kɔɔ ɔko no. Na abakan no din de Eliab, nʼakyi ba din de Abinadab, na nea ɔto so abiɛsa no din de Sama.