1 Samuel 17:22 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Dawid gyaa ne nneɛma maa akodeɛ sohwɛfoɔ no, yɛɛ ntɛm kɔɔ akono hɔ kɔkyeaa ne nuanom.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna Dawid gyaa ne nnoɔma a na ɔkura no hyɛɛ nnoɔma so hwɛfoɔ nsa, na ɔtuu mmirika kɔɔ mpasua no mu na ɔkɔkyeaa ne nuanom no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna Dawid gyaa ne nnoɔma a na ɔkura no hyɛɛ nnoɔma so hwɛfoɔ nsa, na ɔtuu mmirika kɔɔ mpasua no mu na ɔkɔkyeaa ne nuanom no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna Dawid gyaw ne nneɛma a okurae no hyɛɛ nneɛma sohwɛfo nsa, no otutuu mmirika kɔɔ mpasua no so kobisaa ne nuanom sɛnea wɔte.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Dawid gyaw ne nneɛma maa akode sohwɛfo no, yɛɛ ntɛm kɔɔ akono hɔ kokyia ne nuanom.