1 Samuel 17:45 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛnna Dawid nso teaam guu ne so sɛ, “Wode, akofena, pea ne bɛmma na ɛreba me so, na me deɛ, mede Awurade Otumfoɔ Israel akodɔm Onyankopɔn a woagu ne din ho fi no din na mede reba wo so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Filistini no sɛ: Wo deɛ, wode nkrantɛ ne pea ne pɛmɛ na ɛreba me so, na me deɛ, mede asafo AWURADE, Israel mpasua a woatwa wɔn poa no Nyankopɔn din na mereba wo so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Filistini no sɛ: Wo deɛ, wode nkrantɛ ne pea ne pɛmɛ na ɛreba me so, na me deɛ, mede asafo AWURADE, Israel mpasua a woatwa wɔn poa no Nyankopɔn din na mereba wo so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Filistini no sɛ: Wo de, wode nkrante ne peaw ne pɛmɛ na ɛreba me nkyɛn, na me de, mede asafo AWURADE, Israel mpasua a woabɔ wɔn ahohora no Nyankopɔn din na mereba wo nkyɛn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Dawid ka kyerɛɛ Filistini no se, “Wode afoa, peaw ne bɛmma na ɛreba me so, na me de, mede Asafo Awurade, Israel asraafo Nyankopɔn a woagu ne din ho fi no din na mede reba wo so.