1 Samuel 17:8 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Goliat bɛgyinaa hɔ teaam guu Israelfoɔ no so sɛ, “Akodɔm yi nyinaa na morebɛko anaa? Monyi mo mu baako na ɔmmɛko mma mo, na me nso mɛsi Filistifoɔ anan mu. Yɛbɛko de awie asɛm no ka!
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔbɛgyinaa hɔ teaa mu frɛɛ Israel mpasua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn na moafiri aba mpasua so rebɛko yi? Menyɛ Filistini na mo nso moyɛ Saulo nkoa? Monyi mo mu ɔbarima bi, na ɔnsiane mmra me nkyɛn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔbɛgyinaa hɔ teaa mu frɛɛ Israel mpasua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn na moafiri aba mpasua so rebɛko yi? Menyɛ Filistini na mo nso moyɛ Saulo nkoa? Monyi mo mu ɔbarima bi, na ɔnsiane mmra me nkyɛn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na obegyinaa hɔ teɛɛm frɛɛ Israel mpasua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdɛn na moafi aba mpasua so rebɛko yi? So menyɛ Filistini na mo nso moyɛ Saul nkoa? Munyi mo barima bi na onsian mmra me nkyɛn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Goliat begyinaa hɔ teɛɛ mu guu Israelfo no so se, “Asraafo yi nyinaa na morebɛko ana? Munyi mo mu baako na ɔmmɛko mma mo, na me nso mesi Filistifo anan mu. Yɛbɛko de awie asɛm no ka!