1 Samuel 18:21 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Saulo kaa wɔ ne tirim sɛ, “Akwannya foforɔ a ɛbɛma Filistifoɔ nsa aka no akum no nie.” Na ɔka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Afei, manya ɛkwan foforɔ ama wo a wonam so bɛyɛ ɔhene ase.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Saulo se: Mede no bɛma no, na ayɛ no fidie, na Filistifoɔ nsa aka no. Na Saulo ka kyerɛɛ Dawid ne mprenu soɔ sɛ: Wobɛyɛ m’aseɛ nnɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Saulo se: Mede no bɛma no, na ayɛ no fidie, na Filistifoɔ nsa aka no. Na Saulo ka kyerɛɛ Dawid ne mprenu soɔ sɛ: Wobɛyɛ m’ase nnɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Saul se: Mede no mɛma no, na ayɛ no afiri, na Filistifo nsa aka no. Na Saul ka kyerɛɛ Dawid ne mprenu so sɛ: Wobɛyɛ me sew nnɛ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Saulo kaa wɔ ne tirim se, “Mede no bɛma no na wafa so ayɛ afiri a ɛbɛma Filistifo nsa aka no akum no.” Na ɔka kyerɛɛ Dawid se, “Afei, ɔkwan a ɛto so abien a wobɛfa so ayɛ mʼase no abue ama wo.”