1 Samuel 18:6 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nanso, ɛberɛ a Israelfoɔ nkonimdifoɔ rekɔ fie, na Dawid akum Goliat no, asɛm bi siiɛ. Mmaa fifiri nkuro a ɛbemmɛn ɛkwan no ho no bɛtwee mmomone maa ɔhene Saulo. Wɔtoo nnwom, saa ano, bɔɔ akasaeɛ ne kyankyan.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔreba a Dawid resane afiri Filistini no kum aba no, mmaa firii Israel nkuro nyinaa mu de nnwom ne asa ba bɛhyiaa Ɔhene Saulo; wɔde mpintin ne anigyeɛ ne ahinasa adeɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔreba a Dawid resane afiri Filistini no kum aba no, mmaa firii Israel nkuro nyinaa mu de nnwom ne asa ba bɛhyiaa Ɔhene Saulo; wɔde mpintin ne anigyeɛ ne ahinasa adeɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wɔreba a Dawid resan afi Filistini no kum aba no, mmea fii Israel nkurow nyinaa mu de nnwom ne asaw ba behyiaa ɔhene Saul; wɔde mpintin ne anigye ne ahinasa sanku ade.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nanso bere a Israelfo nkonimdifo rekɔ fie, na Dawid akum Filistini no, mmea fifi nkurow a ɛbɛn ɔkwan no ho no bɛtwee mmommomme hyiaa Ɔhene Saulo a na wɔde anigye reto nnwom, bɔ akasae ne kyɛnkyɛn.