1 Samuel 19:17 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Saulo bisaa Mikal sɛ, “Adɛn enti na woadaadaa me, ama me ɔtamfoɔ adwane?” Mikal buaa no sɛ, “Na ɛsɛ sɛ meyɛ saa ɛfiri sɛ ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Mammoa no a, ɔbɛkum me.’ ”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Saulo ka kyerɛɛ Mikal sɛ: Adɛn nti na woadaadaa me sɛɛ, na woagya me tamfo kwan na wafiri mu afire yi? Na Mikal ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Ɔno na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ma menkɔ; adɛn nti na menku woɔ?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Saulo ka kyerɛɛ Mikal sɛ: Adɛn nti na woadaadaa me sɛɛ, na woagya me tamfo kwan na wafiri mu afire yi? Na Mikal ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Ɔno na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ma menkɔ; adɛn nti na menku woɔ?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Saul ka kyerɛɛ Mikal sɛ: Ɛdɛn nti na woadaadaa me sɛɛ, na woagya me tamfo kwan na wafi mu afi yi? Na Mikal ka kyerɛɛ Saul sɛ: Ɔno na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ma menkɔ! Ɛdɛn nti na minkum wo!
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Saulo bisaa Mikal se, “Adɛn nti na woadaadaa me, ama me tamfo aguan?” Mikal buaa no se, “Na ɛsɛ sɛ meyɛ saa efisɛ ɔka kyerɛɛ me se, ‘Mammoa no a, obekum me.’ ”