1 Samuel 19:18 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ a Dawid dwaneeɛ no, ɔkɔɔ Samuel nkyɛn wɔ Rama kɔkaa deɛ Saulo ayɛ noɔ no nyinaa kyerɛɛ no. Enti, Samuel de Dawid kɔtenaa Naiot.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Dawid dwane firii mu firiiɛ, na ɔkɔɔ Samuel nkyɛn Rama kɔkaa deɛ Saulo de ayɛ no nyinaa kyerɛɛ no. Na ɔne Samuel kɔ kɔtenaa Naiot.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Dawid dwane firii mu firiiɛ, na ɔkɔɔ Samuel nkyɛn Rama kɔkaa deɛ Saulo de ayɛ no nyinaa kyerɛɛ no. Na ɔne Samuel kɔ kɔtenaa Naiot.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Dawid guan fii mu, na ɔkɔɔ Samuel nkyɛn Rama kɔkaa nea Saul ayɛ no nyinaa kyerɛɛ no. Na ɔne Samuel kɔe kɔtenaa Naiot.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere a Dawid guanee no, ɔkɔɔ Samuel nkyɛn wɔ Rama kɔkaa nea Saulo ayɛ no no nyinaa kyerɛɛ no. Enti Samuel de Dawid kɔtenaa Naiot.