1 Samuel 19:8 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ankyɛre biara na ɔko bi siiɛ, maa Dawid dii nʼakodɔm anim kɔko tiaa Filistifoɔ. Ɔde anibereɛ tuaa wɔn, maa wɔn nyinaa dwaneeɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔko no kɔɔ so ara, na Dawid firii adi ne Filistifoɔ kɔkoeɛ, na ɔde ekumkɛseɛ kumm wɔn, na wɔdwane firii n’anim.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔko no kɔɔ so ara, na Dawid firii adi ne Filistifoɔ kɔkoeɛ, na ɔde ekumkɛseɛ kumm wɔn, na wɔdwane firii n’anim.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔko baa bio, na Dawid fii adi ne Filistifo kɔkoe, na okum wɔn kunkɛse, na woguan fii n’anim.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ankyɛ biara na ɔko bi sii, maa Dawid dii nʼakofo anim kɔko tiaa Filistifo. Ɔde anibere toaa wɔn, maa wɔn nyinaa guanee.