1 Samuel 2:15 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛtɔ dabi a, ansa na wɔbɛhye sradeɛ no, ɔsɔfoɔ no ɔsomfoɔ ba bɛka kyerɛ onipa a ɔrebɔ afɔdeɛ no sɛ, “Ma ɔsɔfoɔ no ɛnam no bi, na ɔntoto. Ɔmpɛ wo ɛnam a woanoa, na mmom, ɛnam mono nko ara.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Nso wɔnnya nhyee sradeɛ no mmaa AWURADE no, na ɔsɔfoɔ no somfoɔ abɛka akyerɛ deɛ ɔrebɔ afɔdeɛ no sɛ: Ma nam na wɔnkɔtoto mma ɔsɔfoɔ; na ɔnnye wo hɔ nam a wɔanoa, na mmom mono.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Nso wɔnnya nhyee sradeɛ no mmaa AWURADE no, na ɔsɔfoɔ no somfoɔ abɛka akyerɛ deɛ ɔrebɔ afɔdeɛ no sɛ: Ma nam na wɔnkɔtoto mma ɔsɔfoɔ; na ɔnnye wo hɔ nam a wɔanoa, na mmom ɛnam mono.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Nso wonnya nhyew srade no mmaa AWURADE no, na ɔsɔfo no somfo abɛka akyerɛ nea ɔrebɔ afɔre no sɛ: Ma nam na wɔnkɔtoto mma ɔsɔfo; na onnye wo hɔ nam a wɔanoa, na mmom nammono.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛtɔ da bi a, ansa na wɔbɛhyew srade no, ɔsɔfo no somfo ba bɛka kyerɛ onipa a ɔrebɔ afɔre no se, “Ma ɔsɔfo no nam no bi, na ɔntoto. Ɔmpɛ wo nam a woanoa, na mmom, nam amono nko ara.”