1 Samuel 20:18 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Ɔkyena na ɛyɛ ɔbosome foforɔ afahyɛ no. Yɛrenhunu wo, ɛfiri sɛ, wʼakonnwa so bɛda hɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Yonatan ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔkyena na ɔsrane fire, na wɔbɛhunu sɛ wonni hɔ, ɛfiri sɛ wo tenaberɛ bɛda mpan.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Yonatan ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔkyena na ɔsrane fire, na wɔbɛhunu sɛ wonni hɔ, ɛfiri sɛ wo tenaberɛ bɛda mpan.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Yonatan ka kyerɛɛ no se: Ɔkyena na ɔsram fi, na wobehu sɛ wunni hɔ, efisɛ wo tenabea bɛda mpan.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei, Yonatan ka kyerɛɛ Dawid se, “Ɔkyena na ɛyɛ ɔsram foforo afahyɛ no. Yɛrenhu wo, efisɛ wʼakongua so bɛda hɔ.