1 Samuel 20:21 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, mɛsoma abarimaa bi aka sɛ, ‘Kɔ na kɔhwehwɛ bɛmma no.’ Sɛ meka kyerɛ no sɛ, ‘Hwɛ, bɛmma no wɔ fa ha; tase brɛ me a,’ bra, ɛfiri sɛ, mmerɛ dodoɔ ko a Awurade te ase yi, wo ho sɔnn; bɔne bi nni hɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na hwɛ, mɛsoma abɔfra sɛ: Kɔhwehwɛ agyan no. Sɛ mese abɔfra no sɛ: Hwɛ, agyan no wɔ wo nkyɛn mu ha, tase bra a, ɛnneɛ bra, na sɛ AWURADE te aseɛ yi, asomdwoeɛ na ɛwɔ hɔ ma woɔ, asɛm biara nni hɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na hwɛ, mɛsoma abɔfra sɛ: Kɔhwehwɛ agyan no. Sɛ mese abɔfra no sɛ: Hwɛ, agyan no wɔ wo nkyɛn mu ha, tase bra a, ɛnneɛ bra, na sɛ AWURADE te aseɛ yi, asomdwoeɛ na ɛwɔ hɔ ma woɔ, asɛm biara nni hɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na hwɛ, mɛsoma abofra sɛ: Kɔhwehwɛ agyan no. Sɛ mise abofra no sɛ: Hwɛ, agyan no wɔ wo nkyɛn mu ha, tase bra a, ɛnne bra, na, sɛ AWURADE te ase yi, asomdwoe na ɛwɔ hɔ ma wo, asɛm bi nni hɔ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei, mɛsoma abarimaa bi aka se, ‘Kɔ na kɔhwehwɛ bɛmma no.’ Sɛ meka kyerɛ no se, ‘Hwɛ, bɛmma no wɔ ha; tase brɛ me a,’ bra, efisɛ mmere dodow a Awurade te ase yi, wo ho sɔnn; bɔne bi nni hɔ.