1 Samuel 20:41 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ a abarimaa no kɔeɛ ara pɛ, Dawid pue firii baabi a ɔkɔhintaeɛ hɔ a ɛbɛn aboɔ sie no baeɛ. Na Dawid bɔɔ ne mu ase wɔ Yonatan anim, de nʼanim butuu fam. Na wɔfefee wɔn ho ano, na wɔmaa wɔn ho wɔn ho nante yie, na wɔsuiɛ, ne titire no, Dawid.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Abɔfra no kɔeɛ; na Dawid sɔre firii aboɔkuo no ho, na ɔde n’anim bɛbutuu fam na ɔkotoo mprɛnsa, na wɔfefee wɔn ano, na wɔn baanu sui ara maa Dawid deɛ boroo so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Abɔfra no kɔeɛ; na Dawid sɔre firii aboɔkuo no ho, na ɔde n’anim bɛbutuu fam na ɔkotoo mprɛnsa, na wɔfefee wɔn ano, na wɔn baanu sui ara maa Dawid deɛ boroo so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Abofra no kɔe; na Dawid sɔre fii abokuw no ho, na ɔde n’anim bebutuw fam na ɔkotowee mprɛnsa, na wofefew wɔn ho ano, na wɔn baanu sui ara maa Dawid de boroo so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere a abarimaa no kɔe ara pɛ, Dawid pue fii baabi a okohintaw hɔ a ɛbɛn abo siw no bae. Na Dawid bɔɔ ne mu ase wɔ Yonatan anim, de nʼanim butuw fam. Na wofifew wɔn ho wɔn ho ano, na wɔmaa wɔn ho wɔn ho nantew yiye, na wosui, ne titiriw no, Dawid.