1 Samuel 20:42 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Akyire no, Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Kɔ asomdwoeɛ mu, ɛfiri sɛ, yɛayɛ apam wɔ Awurade din mu. Yɛde yɛn mu biara ne yɛn mu biara mma ahyɛ Awurade nsa afebɔɔ.” Na Dawid kɔeɛ, ɛnna Yonatan nso sane kɔɔ kuro no mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Kɔ asomdwoeɛ mu. Sɛdeɛ yɛn baanu akeka AWURADE ntam no, AWURADE ntena me ne wo ntam ne m’asefoɔ ne w’asefoɔ ntam nkɔsi daa. Na ɔsii mu kɔeɛ; na Yonatan baa kuro no mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Kɔ asomdwoeɛ mu. Sɛdeɛ yɛn baanu akeka AWURADE ntam no, AWURADE ntena me ne wo ntam ne m’asefoɔ ne w’asefoɔ ntam nkɔsi daa. Na ɔsii mu kɔeɛ; na Yonatan baa kuro no mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Kɔ asomdwoe mu. Sɛ yɛn baanu akeka AWURADE ntam no, AWURADE ntena me ne wo ntam ne m’asefo ne w’asefo ntam nkosi daa. Na osii mu kɔe; na Yonatan baa kurow no mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Akyiri yi no, Yonatan ka kyerɛɛ Dawid se, “Kɔ asomdwoe mu, efisɛ yɛayɛ apam wɔ Awurade din mu. Yɛde yɛn mu biara ne yɛn mu biara mma ahyɛ Awurade nsa afebɔɔ.” Na Dawid kɔe, na Yonatan nso san kɔɔ kurow no mu.