1 Samuel 21:1 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Dawid kɔɔ Nob ɔsɔfoɔ Ahimelek nkyɛn. Ɛberɛ a ɔsɔfoɔ Ahimelek hunuu no no, ne ho popoeɛ. Ɔbisaa no sɛ, “Adɛn enti na aka wo nko? Adɛn enti na obi nka wo ho?”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Dawid baa Nob Ɔsɔfoɔ Ahimelek nkyɛn. Na Ahimelek de ahopopoɔ bɛhyiaa Dawid, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na wo nko ara wonam na onipa biara nka wo ho yi?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Dawid baa Nob Ɔsɔfoɔ Ahimelek nkyɛn. Na Ahimelek de ahopopoɔ bɛhyiaa Dawid, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na wo nko ara wonam na onipa biara nka wo ho yi?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Dawid baa Nob sɔfo Ahimelek nkyɛn. Na Ahimelek de ahopopo behyiaa no, ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdɛn nti na wo nko nam na onipa bi nka wo ho yi?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Dawid kɔɔ Nob sɔfo Ahimelek nkyɛn. Bere a ɔsɔfo Ahimelek huu no no, ne ho popoe. Obisaa no se, “Adɛn nti na aka wo nko? Adɛn nti na obi nka wo ho?”