1 Samuel 21:2 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Dawid buaa ɔsɔfoɔ Ahimelek sɛ, “Ɔhene somaa me kokoamsɛm bi ho. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, mennka deɛ enti a mewɔ ha nkyerɛ obiara. Makyerɛ baabi a me mmarima nhyia me akyire yi.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Dawid ka kyerɛɛ Ɔsɔfoɔ Ahimelek sɛ: Ɔhene ahyɛ me asɛm bi die, na waka akyerɛ me sɛ: Mma obiara nnhunu adekodeɛ a meresoma wo ho ne deɛ mahyɛ woɔ no ho biribiara; na mmeranteɛ no nso, mahyɛ wɔn sɛ wɔnkɔ baabi.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Dawid ka kyerɛɛ Ɔsɔfoɔ Ahimelek sɛ: Ɔhene ahyɛ me asɛm bi die, na waka akyerɛ me sɛ: Mma obiara nnhunu adekodeɛ a meresoma wo ho ne deɛ mahyɛ woɔ no ho biribiara; na mmeranteɛ no nso, mahyɛ wɔn sɛ wɔnkɔ baabi.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Dawid ka kyerɛɛ ɔsɔfo Ahimelek sɛ: Ɔhene ahyɛ me asɛm bi di, na waka akyerɛ me sɛ: Mma obiara nnhu dekode a meresoma wo ho, ne nea mahyɛ wo no ho biribi; na mmerante no nso, mahyɛ wɔn sɛ wɔnkɔ baabi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Dawid buaa ɔsɔfo Ahimelek se, “Ɔhene somaa me kokoamsɛm bi ho. Ɔka kyerɛɛ me se, mennka nea enti a mewɔ ha nkyerɛ obiara. Makyerɛ faako a me mmarima no nhyia me.