1 Samuel 22:17 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na ɔhene ka kyerɛɛ nʼawɛmfoɔ a wɔwɔ hɔ no sɛ, “Monkunkum Awurade asɔfoɔ no nyinaa, ɛfiri sɛ, wɔn nso kɔ Dawid afa. Na wɔnim sɛ ɔredwane, nanso wɔanka ankyerɛ me.” Nanso, na ɔhene asraafoɔ no mpɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka Awurade asɔfoɔ no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔhene ka kyerɛɛ awɛmfoɔ a wɔgyinagyina ne ho no sɛ: Monnanedane mo ho nkum AWURADE asɔfoɔ no, na wɔn nsa nso wɔ Dawid deɛ mu, na wɔnim sɛ ɔredwane, na wɔanyi me asotire. Na ɔhene nkoa no ampɛ sɛ wɔtene wɔn nsa ka AWURADE asɔfoɔ no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔhene ka kyerɛɛ awɛmfoɔ a wɔgyinagyina ne ho no sɛ: Monnanedane mo ho nkum AWURADE asɔfoɔ no, na wɔn nsa nso wɔ Dawid deɛ mu, na wɔnim sɛ ɔredwane, na wɔanyi me asotire. Na ɔhene nkoa no ampɛ sɛ wɔtene wɔn nsa ka AWURADE asɔfoɔ no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔhene ka kyerɛɛ mmirikatufo a wogyinagyina ne ho no sɛ: Monnannan mo ho nkum AWURADE asɔfo no, na wɔn nsa nso wɔ Dawid de mu, na wonim sɛ ɔreguan, na wɔanyi me asotiw. Na ɔhene nkoa no ampɛ sɛ wɔteɛ wɔn nsa ka AWURADE asɔfo no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na ɔhene ka kyerɛɛ nʼawɛmfo a wɔwɔ hɔ no se, “Munkunkum Awurade asɔfo no nyinaa, efisɛ wɔn nso akɔ Dawid afa. Na wonim sɛ ɔreguan, nanso wɔanka ankyerɛ me.” Nanso na ɔhene asraafo no mpɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka Awurade asɔfo no.