1 Samuel 22:5 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛda bi, odiyifoɔ Gad ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Firi abanbɔeɛ mu ha, na sane kɔ Yuda asase so.” Enti, Dawid kɔɔ Heret kwaeɛ mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Odiyifoɔ Gad ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Ntena bepɔ so atenaeɛ hɔ, na sim kɔ Yuda asase so. Na Dawid sii mu baa Heret kwaeɛ mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Odiyifoɔ Gad ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Ntena bepɔ so atenaeɛ hɔ, na sim kɔ Yuda asase so. Na Dawid sii mu baa Heret kwaeɛ mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na odiyifo Gad ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Ntena bepɔw so atenae hɔ, na sim kɔ Yuda asase so. Na Dawid siim baa Heret kwae mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nanso odiyifo Gad ka kyerɛɛ Dawid se, “Ntena hintabea hɔ. Kɔ Yuda asase so.” Enti Dawid kɔɔ Heret kwae mu.