1 Samuel 22:6 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔkɔɔ Yuda hɔ no, ankyɛre na Saulo tee asɛm no. Saa ɛberɛ no, na ɔhene no te gyedua bi ase wɔ Gibea bepɔ so a ɔkura ne pea na ne mpanimfoɔ atwa ne ho ahyia.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Saulo tee sɛ wɔahunu deɛ Dawid ne nnipa a wɔka ne ho no wɔ. Na Saulo te Gibea, santɛ bi ase wɔ kokoɔ so, na ne pea kura ne nsam, na ne nkoa nyinaa gyinagyina ne ho.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Saulo tee sɛ wɔahunu deɛ Dawid ne nnipa a wɔka ne ho no wɔ. Na Saulo te Gibea, santɛ dua bi ase wɔ kokoɔ so, na ne pea kura ne nsam, na ne nkoa nyinaa gyinagyina ne ho.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Saul tee sɛ wɔahu nea Dawid ne nnipa a wɔka ne ho no wɔ. Na Saul te Gibea, ɔsantɛw bi ase wɔ koko bi so, na ne okura peaw, na ne nkoa nyinaa gyinagyina ne ho.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei Saulo tee sɛ wɔahu Dawid ne ne nkurɔfo. Saa bere no, na ɔhene no te nnyedua bi ase wɔ Gibea bepɔw so a okura ne peaw na ne mpanyimfo atwa ne ho ahyia.