1 Samuel 22:7 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Saulo tee asɛm no, ɔteaam sɛ, “Monyɛ aso, mo mmarima a mofiri Benyamin fie! Dawid ahyɛ mo mfuo ne bobe nturo ho bɔ bi anaa? Wahyɛ mo bɔ sɛ mobɛyɛ nʼasafohene wɔ nʼakodɔm so anaa?
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Saulo ka kyerɛɛ n’asomfoɔ a wɔgyinagyina ne ho no sɛ: Mo Benyaminfoɔ, montie! Yisai ba no nso bɛmema mo nyinaa mfuo ne bobe nturo na ɔde mo nyinaa asisi mpempem so asafohene ne ɔha ha so asafohene?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Saulo ka kyerɛɛ n’asomfoɔ a wɔgyinagyina ne ho no sɛ: Mo Benyaminfoɔ, montie! Yisai ba no nso bɛmema mo nyinaa mfuo ne bobe nturo na ɔde mo nyinaa asisi mpempem so asafohene ne ɔha ha so asafohene?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Saul ka kyerɛɛ ne nkoa a wogyinagyina ne ho no sɛ: Mo Benyaminfo, muntie! So Yese ba no nso bɛmoma mo nyinaa mfuw ne bobe nturo na ɔde mo nyinaa asisi mpem so asafohene ne ɔha ha so asafohene?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Osee wɔn sɛ, “Muntie, Benyamin mmarima! Dawid ahyɛ mo mfuw ne bobe nturo ho bɔ bi ana? Wahyɛ mo bɔ sɛ mobɛyɛ nʼasafohene wɔ nʼakofo so ana?