1 Samuel 23:13 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na Dawid ne ne mmarima bɛyɛ sɛ ahansia firii Keila, na wɔkyinkyinii baabiara a wɔbɛtumi akɔ. Na Saulo tee sɛ Dawid afiri Keila no, ɔgyaee nʼakyi die.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna Dawid ne ne mmarima a wɔbɛyɛ ahansia no sɔre firii Keila, na wɔkɔɔ baabiara a wɔbɛtumi akorɔ. Na wɔkɔka kyerɛɛ Saulo sɛ Dawid adwane afiri Keila no, ɔgyaee n’akyiridie.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna Dawid ne ne mmarima a wɔbɛyɛ ahansia no sɔre firii Keila, na wɔkɔɔ baabiara a wɔbɛtumi akorɔ. Na wɔkɔka kyerɛɛ Saulo sɛ Dawid adwane afiri Keila no, ɔgyaee n’akyiridie.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna Dawid ne ne mmarima a wɔbɛyɛ ahansia no sɔre fii Keila, na wɔkɔɔ baabiara a wobetumi akɔ. Na wɔkɔka kyerɛɛ Saul sɛ Dawid aguan afi Keila no, ogyaee n’akyidi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na Dawid ne ne mmarima bɛyɛ sɛ ahansia fii Keila, na wokyinkyin baabiara a wobetumi akɔ. Na Saulo tee sɛ Dawid afi Keila no, ogyaa nʼakyi di.