1 Samuel 23:26 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei Saulo ne Dawid kɔdii afa ne afa wɔ bepɔ no so. Ɛbaa sɛ Saulo ne ne mmarima hyɛɛ aseɛ sɛ wɔrebɛn Dawid no,
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Saulo nam bepɔ no fa ha, na Dawid ne ne nnipa nso nam bepɔ no fa ha; na Dawid repɛ ntɛm afiri Saulo anim akorɔ no, Saulo ne ne nnipa no twaa Dawid ne ne nnipa no ho hyiae sɛ wɔrekye wɔn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Saulo nam bepɔ no fa ha, na Dawid ne ne nnipa nso nam bepɔ no fa ha; na Dawid repɛ ntɛm afiri Saulo anim akorɔ no, Saulo ne ne nnipa no twaa Dawid ne ne nnipa no ho hyiae sɛ wɔrekye wɔn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Saul nam bepɔw no fa ha, na Dawid ne ne nnipa nso nam bepɔw no fa ha; na Dawid repɛ ntɛm afi Saul anim akɔ no, Saul ne ne nnipa no twaa Dawid ne ne nnipa no ho hyiae sɛ wɔrekyere wɔn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei na Saulo wɔ bepɔw no fa bi na Dawid ne ne dɔm nso wɔ ne fa bi, repɛ ntɛm aguan Saulo bere a na Saulo ne ne mmarima rebɛn Dawid ne ne nkurɔfo sɛ wɔbɛkyere wɔn no,