1 Samuel 23:27 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Saulo nyaa nkra bi a emu yɛ den sɛ, Filistifoɔ abɛto ahyɛ Israel so refom wɔn nneɛma bio.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔbɔfoɔ bi baa Saulo nkyɛn bɛkaa sɛ: Ka wo ho bra, na Filistifoɔ abɛgu asase no so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔbɔfoɔ bi baa Saulo nkyɛn bɛkaa sɛ: Ka wo ho bra, na Filistifoɔ abɛgu asase no so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔbɔfo bi baa Saul nkyɛn bɛkae sɛ: Ka wo ho bra, na Filistifo abegu asase no so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
ɔbɔfo baa Saulo nkyɛn bɛkae se, “Bra ntɛm! Filistifo abɛtow ahyɛ asase no so.”