1 Samuel 23:28 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛno enti, Saulo gyaee Dawid akyidie, na ɔsane nʼakyi sɛ ɔne Filistifoɔ no rekɔko. Ɛfiri saa ɛberɛ no, baabi a Dawid tenaeɛ hɔ no, wɔtoo no edin Dwaneeɛ Botan.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Enti Saulo sane firi Dawid akyi kɔ kɔhyiaa Filistifoɔ no; enti wɔfrɛ hɔ sɛ Dwaneeɛ Botan.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Enti Saulo sane firi Dawid akyi kɔ kɔhyiaa Filistifoɔ no; enti wɔfrɛ hɔ sɛ Dwaneeɛ Botan.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Enti Saul san fii Dawid akyi kɔe kohyiaa Filistifo no. Enti wɔfrɛ hɔ sɛ: Sela-hamahlekot
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛno nti, Saulo gyaee Dawid akyidi, na ɔsan nʼakyi sɛ ɔne Filistifo no rekɔko. Eyi nti na wɔfrɛ saa beae yi Oguan Botan no.