1 Samuel 25:10 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nabal buaa Dawid asomfoɔ no sɛ, “Hwan ne saa Dawid yi? Saa Yisai babarima yi dwene sɛ ɔne hwan? Nnansa yi, asomfoɔ bebree retete wɔn ho afiri wɔn wuranom ho.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Nabal buaa Dawid nkoa no sɛ: Hwan ne Dawid, na hwan ne Yisai ba? Ɛnnɛ nkoa a wɔtete wɔn ho firi wɔn wuranom ho dɔɔso.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Nabal buaa Dawid nkoa no sɛ: Hwan ne Dawid, na hwan ne Yisai ba? Ɛnnɛ nkoa a wɔtete wɔn ho firi wɔn wuranom ho dɔɔso.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Nabal buaa Dawid nkoa no sɛ: Hena ne Dawid na hena ne Yese ba? Ɛnnɛ nkoa a wɔtetew wɔn ho fi wɔn wuranom ho dɔɔso.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nabal buaa Dawid asomfo no se, “Hena ne saa Dawid yi? Saa Yisai babarima yi dwene sɛ ɔne hena? Nnansa yi, asomfo bebree retetew wɔn ho afi wɔn wuranom ho.