1 Samuel 25:42 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ntɛm ara, Abigail huri tenaa nʼafunumu so, faa ne mmaawa baanum kaa ne ho, na ɔne Dawid asomfoɔ no kɔeɛ, na ɔbɛyɛɛ Dawid yere.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Abigail yɛɛ ntɛm sɔre tenaa afunumu so, ne mmaawa baanum a wɔnenam ne nan aseɛ, na ɔdii Dawid abɔfoɔ no akyi kɔyɛɛ ne yere.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Abigail yɛɛ ntɛm sɔre tenaa afunumu so, ne mmaawa baanum a wɔnenam ne nan aseɛ, na ɔdii Dawid abɔfoɔ no akyi kɔyɛɛ ne yere.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Abigail yɛɛ ntɛm sɔre tenaa afurum so, ne mmaawa baanum a wɔnenam ne nan ase, na odii Dawid abɔfo no akyi kɔyɛɛ ne yere.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ntɛm ara, Abigail huruw tenaa nʼafurum so, faa ne mmaawa baanum kaa ne ho, na ɔne Dawid asomfo no kɔe, na ɔbɛyɛɛ Dawid yere.