1 Samuel 25:7 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Mate sɛ woretwitwa wo nnwan ne mmirekyie ho nwi. Ɛberɛ a na mo nnwanhwɛfoɔ wɔ yɛn nkyɛn ha no, yɛanyɛ wɔn basabasa. Na mmerɛ dodoɔ a wɔdii wɔ Karmel no nso, wɔn biribiara annyera.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na afei, mate sɛ wowɔ nnwan ho twitwafoɔ; afei wo nnwanhwɛfoɔ a wowɔ wɔn no ne yɛn tenaeɛ no, yɛampoopoo wɔn, na wɔn biribiara nso anyera berɛ a wɔtenaa Karmel no nyinaa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na afei, mate sɛ wowɔ nnwan ho twitwafoɔ; afei wo nnwanhwɛfoɔ a wowɔ wɔn no ne yɛn tenaeɛ no, yɛampoopoo wɔn, na wɔn biribiara nso anyera berɛ a wɔtenaa Karmel no nyinaa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na afei, mate sɛ wowɔ nguan ho twitwafo; afei wo nguanhwɛfo a wowɔ wɔn no ne yɛn tenae no, yɛanhunahuna wɔn, na wɔn biribiara nso anyera bere a wɔtenaa Karmel no nyinaa;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Mate sɛ woretwitwa wo nguan ne mmirekyi ho nwi. Bere a na mo nguanhwɛfo wɔ yɛn nkyɛn ha no, yɛanyɛ wɔn basabasa. Na mmere dodow a wodii wɔ Karmel no nso, wɔn biribiara anyera.