1 Samuel 26:12 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na Dawid faa pea no ne sukuruwa a ɛsi Saulo tiri ho no, na wɔkɔeɛ a obiara anhunu wɔn na wɔn mu biara nso annyane mpo. Na wɔn nyinaa adeda, ɛfiri sɛ, Awurade de nnahɔɔ too wɔn so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna Dawid faa pea ne nsuo kuruwa no firii Saulo atifi, na wɔkɔe: Na obiara anhunu, na obiara ante, na obiara annyane, na na wɔn nyinaa adeda, ɛfiri sɛ AWURADE nnahɔɔ atotɔ wɔn so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna Dawid faa pea ne nsuo kuruwa no firii Saulo atifi, na wɔkɔe: Na obiara anhunu, na obiara ante, na obiara annyane, na na wɔn nyinaa adeda, ɛfiri sɛ AWURADE nnahɔɔ atotɔ wɔn so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna Dawid faa peaw ne nsu kuruwa no fii Saul atifi, na wɔkɔe: Na obiara anhu, obiara ante, na obiara annyan, na wɔn nyinaa adeda, efisɛ AWURADE nnahɔɔ atotɔ wɔn so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na Dawid faa peaw no ne sukuruwa a esi Saulo ti ho no, na wɔkɔe a obiara anhu wɔn na wɔn mu biara nso annyan mpo. Na wɔn nyinaa adeda, efisɛ Awurade de nnahɔɔ too wɔn so.